Luke 21

Okunafo bi afɔrebɔ

1Yesu te asɔredan mu hɔ no, ohuu asikafo bi a wɔde wɔn afɔrebɔde akɛseakɛse regu afɔre adaka no mu. 2Ohuu okunafo hiani bi nso sɛ ɔde sika kakraa bi too afɔre adaka no mu. 3Yesu ka kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ asɔredan mu hɔ no se, “Nokware mu, afɔre a okunafo hiani yi bɛbɔe no som bo sen afɔre akɛseakɛse a asikafo no bɛbɔe no nyihaa. 4Wɔn nyinaa de nea wɔanya ama aboro so no bi na ɛbɛbɔɔ afɔre, na oyi de, ofi ne hia mu de ne sika a ɔwɔ nyinaa na abegu mu yi.”

Asɔredansɛe ho nkɔmhyɛ

5Yesu akyidifo no bi kamfoo abo fɛfɛ a wɔde sii asɔredan no ne adwinni ahorow a wɔayɛ agu ɔdan no ho no. Nanso Yesu kae se,

6“Bere bi bɛba a, wobedwiriw nneɛma a morekamfo yi nyinaa agu a hwee renka.”

Nsɛm a ebesisi ansa na awiei no aba

7Wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, bere bɛn na asɛm a woreka yi besi, na ɛho nsɛnkyerɛnne bɛyɛ dɛn?”

8Yesu buae se, “Monhwɛ mo ho so yiye na obi annaadaa mo, efisɛ, nnipa pii bɛsɔre aka se, ‘Mene Kristo no’ na bere no abɛn nanso munnnye wɔn nnni! 9Sɛ mote akokoakoko ne sɛ wɔsɔre tia aman a, munnsuro efisɛ, ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi di kan ba nanso na ɛnkyerɛ sɛ awiei no abɛn.”

10Ɔkae bio se, “Aman bɛsɔre aman so na ahenni asɔre ahenni so. 11Asasewosow a ɛyɛ hu bɛba, ɔkɔm besi, ɔyaredɔm bɛba na nneɛma a ɛyɛ hu befi wim asisi.

12“Nanso ansa na eyinom nyinaa besisi no, me din nti, wɔbɛtaa mo akyekyere mo de mo akɔ hyiadan mu ne afiase ne ahemfo ne atumfo anim. 13Eyi bɛma moanya kwan adi me ho adanse. 14Nanso munnnwen nsɛm a mobɛka de ayi mo ho ano no ho; 15efisɛ, mɛma mo nsɛm ne nyansa a mode beyi mo ho ano a mo atamfo rentumi nnyina mo anim.

16“Mo awofo, mo nuanom, mo abusuafo ne mo nnamfonom beyi mo ama na wobekum mo mu bi. 17Na me nti, nnipa bɛtan mo. 18Nanso mo tinhwi baako pɛ po renyera. 19Na sɛ mutumi gyina pintinn a, mubenya nkwa a enni awiei.

Yerusalem sɛe

20“Sɛ muhu sɛ asraafo atwa Yerusalem ho ahyia a, na ɛkyerɛ sɛ ne sɛe abɛn. 21Saa bere no wɔn a wɔte Yudea nguan nkɔ mmepɔw no so; wɔn a wɔwɔ kurow no mu no nguan mfi mu, na wɔn nso a wɔwɔ nkuraase ne mfum no ntena hɔ ara. 22Saa bere yi mu na Onyankopɔn asotwe a adiyifo no hyɛɛ ho nkɔm wɔ Kyerɛwsɛm no mu no bɛba mu. 23Wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma mma nufu no nnue! Amanehunu a enni kabea bɛba ɔman no so na Onyankopɔn abufuwhyew nso aba nnipa no so. 24Ebinom bɛtotɔ wɔ sekan ano na wɔafa ebinom nso nnomum de wɔn akɔ amanaman so na amanaman bɛsɛe Yerusalem, adi so akosi bere a Onyankopɔn ahyehyɛ sɛ amanaman nni wɔn so no betwam.

Onipa Ba no ba a ɔbɛsan aba

25“Nsɛnkyerɛnne bɛba owia, ɔsram ne nsoromma mu na ɛpo asorɔkye bɛbobom, aworo so ama ne nnyigyei dennen no de ahoyeraw aba aman nyinaa so. 26Esiane nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba asase so no nti, nnipa pii bɛtotɔ berɛw na abɔde a ɛwɔ wim nso awosow ahoɔden so. 27Saa bere no na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam a ɛso nam omununkum mu reba. 28Sɛ saa asɛm yi fi ase sisi a, momfa gyidi nnyina pintinn efisɛ, na mo nkwagyebere abɛn.”

Akutu dua bi ho bɛ

29Yesu buu wɔn bɛ bi se, “Monhwɛ nnuaba ne nnua afoforo bi, 30sɛ eyiyi nhaban foforo a, na ɛkyerɛ sɛ osutɔbere adu. 31Saa ara nso na sɛ muhu nsɛnkyerɛnne a moka ho asɛm yi a, munhu sɛ Onyankopɔn Ahenni no abɛn.

32“Merema moate ase sɛ, saa nsɛm yi nyinaa bɛba mu ansa na saa bere yi sofo awuwu. 33Ɔsoro ne asase betwam nanso me nsɛm de, ɛrentwam da.

Kɔkɔbɔ

34“Monhwɛ mo ho so yiye! Mommma adiditraso ne asabow ne asetena mu dadwene nnni mo so, anyɛ saa a, me ba a mɛba bio no befi mo aworaw. 35Efisɛ, me ba a mɛba no befi nnipa a wɔte asase so nyinaa aworaw. 36Monwɛn. Bere biara mommɔ mpae na moanya ahoɔden de agyina saa nneɛma yi nyinaa ano na mesan ba bio a, moatumi agyina mʼanim.”

37Da biara na Yesu kɔ asɔredan mu hɔ kɔkyerɛkyerɛ ma nnipa pii sɔre anɔpahema kotie no. 38Na sɛ edu anwummere biara a, Yesu kɔ Ngo Bepɔw no so kɔhome.

Copyright information for TwiNAK